Psalms 100

Ayeyi Dwom.

1Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa.

2 Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade;
momfa anigye nnwom mmra nʼanim.

3 Munhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn;
ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de;
yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan.


4 Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu,
na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo;
momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.

5 Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa;
ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.
Copyright information for TwiAKNA